Psalms 30

Aseda mpaebɔ

1Mekamfo wo,
Awurade, efisɛ, woagye me nkwa ayi me afi atamfo ani a ɛbere me no mu.
2Misu frɛɛ wo sɛ boa me,
O Awurade, me Nyankopɔn, na wosaa me yare
3yii me fii damoa no mu.
Na anka meresian akɔ ase pɛɛ, nanso wosan maa me nkwa.
4Monto ayeyi nnwom mma Awurade; mo a mudi no nokware nyinaa!
Monkae nea Kronkronni no ayɛ, na monna no ase!
5Nʼabufuw nkyɛ, na ne papayɛ wɔ hɔ nkwa nna nyinaa.
Nusu begu anadwo, nanso ahosɛpɛw bɛba anɔpa.
6Minyaa ogye nti mekae se, “Wɔrenni me so da.”
7Woyɛɛ me yiye,
Awurade; wobɔɔ me ho ban sɛ abankɛse, nanso wode wo ho siee me ma misuroe.
8Mefrɛɛ wo,
Awurade, srɛɛ wo mmoa.
9“Mfaso bɛn na wubenya wɔ me wu ho?
Na sɛ mekɔ damoa mu a, wunya dɛn?
Awufo betumi akamfo wo?
Wobetumi apae mu aka wo papayɛ?
10Tie me,
Awurade, na hu me mmɔbɔ!
Boa me, Awurade!”
11Woama mʼawerɛhow adan anigye asaw; woafa mʼawerɛhow ma anigye atwa me ho ahyia.
12Enti merenyɛ komm.
Mɛto dwom akamfo wo.
Awurade, woyɛ me Nyankopɔn.
Mɛda wo ase daa daa.
Copyright information for TwiNAK